Hosea 6

Israel Nni Ahonu


1 “Mommra, momma yɛnsan nkɔ Awurade nkyɛn.
Watetew yɛn mu asinasin
nanso ɔbɛsa yɛn yare.
Wapirapira yɛn
nanso ɔbɛkyekyere yɛn apirakuru.

2 Nnaanu akyi, ɔbɛma yɛanya ahoɔden;
nansa so, ɔde yɛn besi yɛn sibea
na yɛanya nkwa wɔ nʼanim.

3 Momma yennye Awurade nto mu;
momma yɛnkɔ so nnye no nto mu.
Sɛnea owia pue da biara no, obepue;
ɔbɛba yɛn nkyɛn te sɛ osu a ɛtɔ awɔwbere mu
anaa asusow bere mu su a ɛfɔw asase.”


4 “Dɛn na metumi de wo ayɛ, Efraim?
Dɛn na metumi de wo ayɛ, Yuda?
Mo dɔ te sɛ anɔpa bɔ,
ɛte sɛ anɔpa bosu a etu yera.

5 Mede mʼadiyifo twitwaa mo mu asinasin,
mede mʼanom nsɛm kunkum mo;
mʼatemmu baa mo so sɛ anyinam.

6 Mepɛ ahummɔbɔ na ɛnyɛ afɔrebɔ,
mepɛ Onyankopɔn ho nimdeɛ sen ɔhyew afɔre.

7 Wɔabu apam no so sɛnea Adam yɛe.
Wɔanni me nokware wɔ hɔ.

8 Gilead yɛ atirimɔdenfo kuropɔn
a mogya anammɔn akeka hɔ.

9 Sɛnea akwamukafo ka kwan mu no
saa ara na asɔfokuw no nso yɛ;
wodi awu wɔ Sekem tempɔn so,
yɛ nnebɔne a ɛyɛ animguase.

10 Mahu ahodwiriwde wɔ Israelfi.
Ɛhɔ, Efraim kɔ aguamammɔ mu
Israel gu ne ho fi.


11 “Na wo Yuda nso,
wɔahyɛ otwa bere ama wo.

“Bere biara a mede me nkurɔfo siade bɛsan ama wɔn no,
Copyright information for TwiAKNA